Micah 4:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.