Micah 4:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wo, nnwankuo no abantenten, Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden, wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo; Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo, Sion babaa kokoɔ, woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten, na wo hɔ na akane tumidie no bɛba abɛduro, Yerusalem babaa ahennie no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo, Sion babaa kokoɔ, woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten, na wo hɔ na akane tumidie no bɛba abɛduro, Yerusalem babaa ahennie no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo, Sion babea koko, woayɛ sɛ nguanhwɛ abantenten wo hɔ, na kan tumidi no bɛba abedu, Yerusalem babea ahenni no bɛba abedu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wo, nguankuw no abantenten, Ɔbabea Sion, abandennen, wɔde wo tete tumidi no bɛsan abrɛ wo; Ɔbabea Yerusalem nsa bɛsan aka nʼahenni.”