Nahum 2:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofoɔ no firafira kɔbene, nteaseɛnam no yɛ dadeɛ gya, ɛda a ɔsiesie dɔm no, na wɔwoso pea nnua;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofoɔ no firafira kɔbene, nteaseɛnam no yɛ dadeɛ gya, ɛda a ɔsiesie dɔm no, na wɔwoso pea nnua;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofofo no furafura kɔben, nteaseɛnam no yɛ dade gya, ɛda a osiesie dɔm no, na wɔwosow peaw nnua;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ; akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade. Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no; mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.