Nahum 3:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ, ‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’ Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane wo, na waka sɛ: Ninewe adane akurofo! Hwan na ɔbɛdi ne ho abooboo? Ɛhe na mɛhwehwɛ awerɛkyekyefoɔ mama woɔ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane wo, na waka sɛ: Ninewe adane kurofo! Hwan na ɔbɛdi ne ho abooboo? Ɛhe na mɛhwehwɛ awerɛkyekyefoɔ mama woɔ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obiara a obehu wo no beguan, na waka sɛ: Niniwe adan akurofo! Hena na obedi no nkɔmmɔ? Ɛhena na ɔbɛkyekye ne werɛ?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se, ‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’ Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”