Nehemiah 10:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra.