Nehemiah 13:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔrebukyia so no nso bɛba mmerɛ a ɛsɛ mu, na afei wɔbɛgye otwa a ɛdi ɛkan no mu nnɔbaeɛ de abrɛ asɔfoɔ no. Kae yei na dom me, Ao me Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mehyehyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne bere a wɔde aduankan de ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔremuka so no nso bɛba mmere a ɛsɛ mu, na afei wobegye otwa a edi kan no mu nnɔbae de abrɛ asɔfo no. Kae eyi na dom me, me Nyankopɔn.