Nehemiah 13:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei mehyɛɛ sɛ, wɔnnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne aduhwamfufuo no sane bɛguu mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mekaa sɛ wɔnnwira mpia no mu, na mede Nyankopɔn fie nnoɔma no mesane mebaa hɔ bio, aduane ayɛyɛdeɛ ne ohwamfufuo no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mekae sɛ wonnwira mpia no mu, na mede Onyankopɔn fi nneɛma no mesan mebaa hɔ bio, aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei mehyɛe sɛ, wonnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atoko afɔrebɔde ne aduhuam no san beguu mu.