Nehemiah 2:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn. Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn. Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase.