Nehemiah 3:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɔdi soɔ ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wɔkɔsiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasuo no fa bi ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Esini bi nso na Harim ba Malkia ne Pahat-Moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Esini bi nso na Harim ba Malkia ne Pahat-Moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Baabi nso, Harim ba Malkiya ne Pahat-moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho.