Nehemiah 3:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Bonhwa Pono no, Hanum ne Sanoafoɔ miamiaa mu, wɔn na wɔtoeɛ na wɔsisii ano apono, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasuo no basafa ahanum de kɔsii Sumina Pono ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Obon pon no, Hanun ne Sanoafo miamiaa mu, wɔn na wɔtoe na wosisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasu no basafa ahanum de kosii sumina pon no ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no.