Nehemiah 3:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɔdi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Deɛ ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apueeɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoaɛ ne fie ntentensoɔ. Ɔno so na Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono ano hwɛfoɔ no, bɛtoaeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoaɛ ne fie ntentensoɔ. Ɔno so na Sekania ba Semaia, Apueeɛ Pono ano hwɛfoɔ no, bɛtoaeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoae ne fi ntentenso. Ɔno so na Sekania ba Semaia, apuei ponanohwɛfo no, bɛtoae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no.