Nehemiah 5:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwie baako, nnwan akɛseɛ nsia ne nkokɔ bebree. Na dadu biara, na ɛsɛ sɛ yɛnya nsã ahodoɔ nyinaa bi. Nanso, mannye amrado akɔnhomabɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, na ɔmanfoɔ no wɔ ahokyere mu dada.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ wɔnoa da koro nie: Nantwinini baako ne nnwan a wɔadɔ nsia, na ntakraboa na wɔsiesie ma me, na dadu mu prɛko, nsa ahodoɔ bebree bu so. Nanso yei mu no, mammisa amrado aduane, ɛfiri sɛ na ɔsom no yɛ duru wɔ ɔman no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ wɔnoa da koro nie: Nantwinini baako ne nnwan a wɔadɔ nsia, na ntakraboa na wɔsiesie ma me, na dadu mu prɛko, nsa ahodoɔ bebree bu so. Nanso yei mu no, mammisa amrado aduane, ɛfiri sɛ na ɔsom no yɛ duru wɔ ɔman no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea wɔnoa da koro ni: Nantwinini biako ne nguan a wɔadɔ asia, na ntakraboa na wosiesie ma me, na dadu mu pɛnkoro nsa ahorow bebree. Nanso eyi mu no, mammisa amrado aduan, efisɛ ɔsom no yɛ duru ɔman no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwi baako, nguan akɛse asia ne nkokɔ bebree. Na nnafua du biara, na ɛsɛ sɛ yenya nsa ahorow nyinaa bi. Nanso mannye amrado akɔnhamabɔde biara, efisɛ na ɔmanfo no wɔ ahokyere mu dedaw.