Nehemiah 7:63 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfoɔ baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asɔfoɔ mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mmammaa mu bi, na wɔde wɔn din too ne mma),
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asɔfoɔ mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mmammaa mu bi, na wɔde wɔn din too ne mma),
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asɔfo mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai a ɔwaree Gileadni Barsilai mmabea mu bi na wɔde wɔn din too no mma,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfo baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.)