Nehemiah 8:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsra gyinaa apa no so a nnipa dɔm no nyinaa hunu no. Ɛberɛ a wɔhunuu sɛ wabue nwoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn nan so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Esra buee nwoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na ɔbuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Esra buee nwoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na ɔbuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Esra buee nhoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na obuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsra gyinaa apa no so a nnipadɔm no nyinaa hu no. Bere a wohuu sɛ wabue nhoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn anan so.