Numbers 10:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba sɛ, “Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ Israelfoɔ bɔ a emu yɛ den!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose ka kyerɛɛ n’ase Reuel a ɔyɛ Midianni ba Hobab no sɛ: Yɛretu akɔ deɛ AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Ɛha na mede bɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose ka kyerɛɛ n’ase Reuel a ɔyɛ Midianni ba Hobab no sɛ: Yɛretu akɔ deɛ AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Ɛha na mede bɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Mose ka kyerɛɛ n'akonta Hobab a ɔyɛ Midianni Reuel ba no sɛ: Yɛretu akɔ nea AWURADE kaa ho asɛm sɛ, ɛha na mede mɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yiye, efisɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ Awurade ahyɛ Israelfo nnepa ho bɔ.”