Numbers 10:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔfiri Awurade Bepɔ so no, wɔnantee nnansa a Awurade Adaka no di wɔn anim sɛ wɔrekɔpɛ baabi a wɔbɛsoeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna wotutu fii AWURADE bepɔw no ho nantew nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekɔkyerɛ wɔn asoɛe no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn.