Numbers 11:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, Awurade bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛnam no da so wɔ wɔn se mu a wɔnnya nwesaeɛ no, AWURADE bo huru tiaa ɔman no, na AWURADE de ɔhaw kɛseɛ pa bobɔɔ ɔman no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛnam no da so wɔ wɔn se mu a wɔnnya nwesaeɛ no, AWURADE bo huru tiaa ɔman no, na AWURADE de ɔhaw kɛseɛ pa ara bobɔɔ ɔman no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nam no da so wɔ wɔn se mu a wonnya nwesawee no, AWURADE bo huru hyɛɛ ɔman no, na AWURADE de ɔyaredɔm kɛse pa bobɔɔ ɔman no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na nnipa no fii ase wee mmoa no bi no, Awurade bo san fuw wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kum wɔn mu fa kɛse no ara.