Numbers 13:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso amanfo a wɔtete asase no so no yɛ den, na nkurow no, wɔabɔ ho ban, ɛsosoe sɛ, na yehuu Anak mma nso wɔ hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo.