Numbers 13:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, (Anak mma a wofi abran akɛse no mu no), na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”