Numbers 14:40 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa sɛ, “Yɛahunu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wotuaa ahema foro kɔɔ bepɔw no atifi kae sɛ: Yɛn ni, yɛbɛforo akɔ nea AWURADE kae hɔ, efisɛ yɛayɛ bɔne.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkae se, “Yɛahu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”