Numbers 15:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo teɛ a wɔpɛ sɛ wɔfa ogya afɔrebɔ so sɔ Awurade ani no nyinaa di saa mmara yi so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ adeɛ yi sei mfa mmɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ adeɛ yi sei mfa mmɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mma AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ ade yi sa mfa mmɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɛsɛ sɛ Israelni biara fa saa ɔkwan yi so siesie ne aduan afɔrebɔ a eyi hua na ɛsɔ Awurade ani na ɔde ba.