Numbers 15:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan korɔ no ara so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ɔhɔho bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu, mo awo ntoatoaso nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE a, sɛnea moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ ahɔho a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ma eyi hua a ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɔkwan koro no ara so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu.