Numbers 15:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Atokoɔ a mobɛyam a ɛdi ɛkan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ moyɛ atokoɔ otwakane no wɔ ayuporobea no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
momfa mo mmɔre a edi kan bi tetare nyɛ soma ade; sɛ moyɛ awiporowbea soma ade no, saa ara na momma so;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Atoko a mobɛyam a edi kan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛde sɛnea moyɛ atoko otwakan no wɔ awiporowbea no.