Numbers 15:30 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na sɛ obi boapa yɛ mfomsoɔ a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ɔgu Awurade din ho fi, enti wɔbɛyi no afiri nnipa no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkra a ɔde anuɔden boapa yɛ biribi no, asase no soni oo, ɔhɔho oo, wasopa AWURADE, na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na sɛ obi boa pa yɛ mfomso a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ogu Awurade din ho fi, enti ɛsɛ sɛ woyi no fi Israelfo no mu.