Numbers 16:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti AWURADE na wo ne w'asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron de, hena ne no na munwiinwii hyɛ no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛyɛ Awurade na wo ne wʼakyidifo abɔ mu atia no no. Hena ne Aaron a wunwiinwii tia no?”