Numbers 16:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, womfaa yɛn mmaa asase pa a wohyɛɛ yɛn ho bɔ no so, ɛnna nso wommaa yɛn asase biara a yɛnyɛ so adwuma. Hwan na worepɛ no abu no kwasea? Yɛremma”.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso womfaa yɛn mmaa asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso womfaa yɛn mmaa asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso womfaa yɛn mmaa asase a ɛsen nufusu ne ɛwo so, na wommaa yɛn mfuw ne nturo sɛ yenni so; na mmarima yi aniwa na worebetutu? Yɛremma!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bio, womfaa yɛn mmaa asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so so anaa nso wommaa yɛn asase ne bobeturo biara sɛ yɛn agyapade. Wopɛ sɛ wode saa nnipa yi yɛ nkoa ana? Dabi, yɛremma.”
Recommended Reading