Numbers 18:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Akyɛdeɛ afoforɔ a wɔnam him a wɔbɛhim wɔ afɔrebukyia no so de bɛkyɛ me no yɛ wo ne wʼabusuafoɔ, wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa dea. Na wʼabusuafoɔ nyinaa tumi di bi, agye obi a saa ɛberɛ no na ne ho nte.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei nso nyɛ wo deɛ: Wɔn ayɛyɛdeɛ mu mmasoɔ adeɛ, Israelfoɔ him afɔdeɛ nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho teɛ wo fie mu nni bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei nso nyɛ wo deɛ: Wɔn ayɛyɛdeɛ mu mmasoɔ adeɛ, Israelfoɔ him afɔdeɛ nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho teɛ wo fie mu nni bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi nso nyɛ wo de: wɔn ayɛyɛde mu soma ade, Israelfo him afɔre nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho tew, wo fi mu, nni bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Eyi nso yɛ mo de: nea wobeyi agu nkyɛn afi Israelfo ohim afɔrebɔde mu no. Mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea nyinaa sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi.