Numbers 18:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Wɔn mogya na ɛsɛ sɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no sɛ ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a Awurade ani sɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nantwi abakan anaa oguanten abakan anaa abirekyi abakan de, mma wonnnye: wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade ma ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso anantwi, nguan ne mmirekyi mmakan de, ɛnsɛ sɛ wogye wɔn; wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade no sɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.