Numbers 18:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no hwɛ yie na wɔansɔ biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔrebukyia no so mu. Sɛ wɔyɛ saa a, mɛsɛe wo ne wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔnkura w’adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntomadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nnoɔma ne afɔrebukyia no ho nko na wɔmmpini, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔnkura w’adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntomadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nnoɔma ne afɔrebukyia no ho nko na wɔmmpini, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wonkura w'adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntamadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nneɛma ne afɔremuka no ho nko na wɔmmmɛn, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ Lewifo no hwɛ yiye na wɔammɛn biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔremuka no so. Sɛ wɔyɛ saa a, wo ne wɔn bewuwu.