Numbers 18:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mo Lewifoɔ no, sɛ mogye Awurade ntotosoɔ dudu no na mode emu nkyɛmu edu a ɛsɔ ani mu baako ma asɔfoɔ no a, monni afɔbuo biara. Nanso, monhwɛ yie na akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, moammu no ade teta bi. Sɛ moyɛ saa a, mobɛwuwu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na moma emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, ɛnneɛ mmusuo biara nna mo so, na monngu Israelfoɔ akronkronneɛ ho fi, na moanwuwu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na moma emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, ɛnneɛ mmusuo biara nna mo so, na monngu Israelfoɔ akronkronneɛ ho fi, na moanwuwu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na moma emu nea eye koraa no ma a, ɛnne na mmusu bi nna mo so na munngu Israelfo akronkronne ho fi, na moanwuwu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mode emu nea ɛsɔ ani no ba a, munni eyi ho afɔbu; saayɛ remma mungu Israelfo no afɔrebɔ kronkron no ho fi, na morenwuwu.’ ”