Numbers 2:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ruben nsraban frankaa ase nnipa nni anafoɔ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Ruben mma no safohempanin ne Sedeur ba Elisur,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ruben nsraban frankaa ase nnipa nni anafoɔ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Ruben mma no safohempanin ne Sedeur ba Elisur,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ruben nsra frankaa ase nnipa, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Ruben mma safohempanyin Sedeur ba Elisur,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.