Numbers 2:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduonum baako ne ahanan aduonum, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, na wɔn na wɔntɔ so mmienu ntu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduonum baako ne ahanan aduonum, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, na wɔn na wɔntɔ so mmienu ntu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsra no nyinaa si ɔpeha ne ɔpeduonum biako ne ahanan aduonum, sɛ wɔn dɔm ahorow no te. Na wɔn na wɔnto so abien ntu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien.