Numbers 2:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa soɔ ne Isakar abusuakuo. Isakar mma no safohempanin Suar ba Netanel,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa soɔ ne Isakar abusuakuo. Isakar mma no safohempanin Suar ba Netanel,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn a wɔmmɔ nsra ntoa no so ne: Isakar abusuakuw. Isakar mma no safohempanyin ne Suar ba Netanel,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.