Numbers 20:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛdɛn nti na muyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba nea enye yi, nea wontumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne ateaa nni, na nsu po a wɔnom nni yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn nti na muyii yɛn fii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atoko ne bobe nni asase yi so. Nsu a yɛbɛnom nso nni ha.”