Numbers 21:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kuro kɛseɛ Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafoɔ hyiaa wɔn wɔ Edrei.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔdan wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og fii adi behyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kurow kɛse Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafo hyiaa wɔn wɔ Edrei.