Numbers 22:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na nnipadɔm bi firi Misraim aba ne hyeɛ so, na ɔpɛ sɛ mekɔ hɔ ntɛm so na mekɔdome wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi adi wɔn so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, ɔman a wɔfiri Misraim baeɛ no abɛkata asase ani. Afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia mɛtumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, ɔman a wɔfiri Misraim baeɛ no abɛkata asase ani. Afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia mɛtumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, ɔman a wofi Misraim bae no abɛkata asase ani, afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia metumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipadɔm bi fi Misraim aba ne hye so. Enti bra na bɛdome wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne wɔn ako apam wɔn.”