Numbers 22:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Baabi a na Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ no yɛ bobefuo afasuo mmienu ntam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no kɔgyinaa bobe nturo ntam nammɔnkorɔ kwan mu a ɔfasuo wɔ ha ne ha.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no kɔgyinaa bobe nturo ntam nammɔnkorɔ kwan mu a ɔfasuo wɔ ha ne ha.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna AWURADE bɔfo no kogyinaa bobe nturo ntam anammɔnkoro kwan bi mu a ɔfasu wɔ ha ne ha.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam.