Numbers 22:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔde ne ho twee ɔfasuo no ho maa Balaam nan pɛkyɛeɛ. Nanso, Balaam kɔɔ so hwee aboa no bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔde ne ho miaa ɔfasuo no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasuo no ho; na ɔkɔɔ so hwee no ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔde ne ho miaa ɔfasuo no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasuo no ho; na ɔkɔɔ so hwee no ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afurum no huu AWURADE bɔfo no no, ɔde ne ho miaa ɔfasu no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasu no; na ɔkɔɔ so hwee no ara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a afurum no huu Awurade bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no.