Numbers 23:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na wode ayɛ me yi? M’atamfoɔ nnome nti na mekɔfaa wo baeɛ, na hwɛ, nhyira na wohyira.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na wode ayɛ me yi? M’atamfoɔ nnome nti na mekɔfaa wo baeɛ, na hwɛ, nhyira na wohyira.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Woyɛ me dɛn ni? M'atamfo nnome nti na mekɔfaa wo bae, na hwɛ, nhyira na wuhyira wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”