Numbers 23:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ bra na yɛnkɔ faako a wobɛhu wɔn; wɔn fa nko na wobɛhunu, na worenhunu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ bra na yɛnkɔ faako a wobɛhu wɔn; wɔn fa nko na wobɛhunu, na worenhunu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne bra na yɛnkɔ baabi foforo ɛ, faako a wubehu wɔn; wɔn ano nko na wubehu, na worenhu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.”