Numbers 26:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase. Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela. Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yuda mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sela deɛ, Selafoɔ abusua; Peres deɛ, Peresfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yuda mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sela deɛ, Selafoɔ abusua; Peres deɛ, Peresfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yuda mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sela de, Selafo abusua; Peres de, Peresfo abusua; Sera de, Serafo abusua.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yuda asefo mmusua a edidi so yi: Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela; Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres; Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.