Numbers 26:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu. Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela. Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel. Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Bela deɛ, Belafoɔ abusua; Asbel deɛ, Asbelfoɔ abusua; Ahiram deɛ, Ahiramfoɔ abusua;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Bela deɛ, Belafoɔ abusua; Asbel deɛ, Asbelfoɔ abusua; Ahiram deɛ, Ahiramfoɔ abusua;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te: Bela de, Bela abusua; Asbel de, Asbel abusua; Ahiram de, Ahiram abusua;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase. Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela; Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel; Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram;