Numbers 26:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.” Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Kan wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu de rekorɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfoɔ a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Kan wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu de rekorɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfoɔ a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Kan wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu de rekɔ no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfo a wofi Misraim asase so bae no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.” Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no: