Numbers 26:42 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu. Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Dan mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Suham deɛ, Suhamfoɔ abusua. Yeinom ne Dan mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Dan mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Suham deɛ, Suhamfoɔ abusua. Yeinom ne Dan mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Dan mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Suham de, Suhamfo abusua. Eyinom ne Dan mmusua, sɛ wɔn mmusua te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi ne abusua a efi Dan ase. Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo.