Numbers 26:57 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie: Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Lewifoɔ a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson deɛ, Gersonfoɔ abusua; Kohat deɛ, Kohatfoɔ abusua; Merari deɛ, Merarifoɔ abusua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Lewifoɔ a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson deɛ, Gersonfoɔ abusua; Kohat deɛ, Kohatfoɔ abusua; Merari deɛ, Merarifoɔ abusua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Lewifo a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te ni: Gerson de, Gersonfo abusua; Kohat de, Kohatfo abusua; Merari de, Merarifo abusua.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn: Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari.