Numbers 27:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na onkogyina Ɔsɔfo Eleasar anim, na ommisa Urim atemmu mma no, AWURADE anim; ɔno na ɔka a, womfi adi, na ɔka a, wɔmmra mu, ɔno ne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wohia akwankyerɛ a efi Awurade hɔ a, Yosua begyina ɔsɔfo Eleasar anim, na ɔsɔfo Eleasar abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛde. Ɔno na ɔbɛhyɛ ama Israelfo no nyinaa afi adi na wahyɛ ama wɔaba mu.”