Numbers 28:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na fa esiam olonka abupɛn du mu baako yɛ aduane afɔdeɛ a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na fa esiam olonka abupɛn du mu baako yɛ aduane afɔdeɛ a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na fa asikresam olonka abupɛn du mu biako yɛ aduan afɔre a wɔde ngodua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na momfa aburow lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo lita baako afra nka ho.