Numbers 29:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ Awurade anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnanson mma AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnanson mma AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnansɔn mma AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Monyɛ nhyiamu kronkron wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no so, na monnyɛ adwumaden biara. Munni afahyɛ no nnanson mma Awurade.