Numbers 29:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa afɔrebɔde yi mu biara no, mode anantwinini, adwennini ne nguantenmma no ho aduan ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔahyɛ no bɛka ho.