Numbers 29:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a Awurade ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Momfa nantwi ba onini baako, Odwennini baako ne adwennini ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani.